Add parallel Print Page Options

Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokwarem a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. Na wonni ba, efisɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.

Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so. 10 Saa bere yi ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.

11 Sakaria gu so rehyew aduhuam no, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so.

Read full chapter