Add parallel Print Page Options

Yesu Kristo asefo

Yesu Kristo a ofi ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi: Abraham ba ne Isak; Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom. Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn na ne Tamar. Peres ba ne Hesron, ɛnna Hesron nso ba ne Ram. Ram woo Aminadab; Aminadab woo Nahson. Nahson nso woo Salmon. Salmon ne ne yere Rahab woo Boas; Boas ne ne yere Rut woo Obed; Obed nso woo Yisai. Yisai ba ne ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Bar-Seba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo. Salomo woo Rehaboam; Rehaboam woo Abia; Abia woo Asa. Asa woo Yehosafat; Yehosafat woo Yoram; Yoram nso woo Usia. Usia ba ne Yotam; Yotam ba ne Ahas; Ahas ba ne Hisikia. 10 Hisikia ba ne Manase; Manase ba ne Amon; Amon nso ba ne Yosia. 11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnomum mu wɔ Babilon no. 12 Wofi Babilon nnomum mu bae no nso mu awo ntoatoaso ni: Yekonia woo Seatiel; Seatiel woo Serubabel. 13 Serubabel woo Abihud; Abihud woo Eliakim; Eliakim nso woo Asor. 14 Asor ba ne Sadok; Sadok ba ne Akim; Akim ba ne Elihud. 15 Elihud ba ne Eleasar; Eleasar ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob; 16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.

17 Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnomum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.

Yesu awo

18 Afei Yesu Kristo awo ho nsɛm ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no. Saa bere no, na Maria yɛ ɔbaabun, ɛne sɛ, na onnim ɔbarima. Nanso Maria nam Honhom Kronkron so nyinsɛnee. 19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ sɛ obegu Maria anim ase nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyaa no aware kokoam.

20 Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no dae mu. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Yosef, Dawid aseni, nnyaa Maria aware, efisɛ, ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron. 21 Ɔbɛwo ɔbabarima na woato ne din Yesu; ase ne Agyenkwa, efisɛ, ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu.” 22 Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea odiyifo no kae no ma se:

23 ”Ɔbaabun bi benyinsɛn na wawo ɔbabarima, na wɔato ne din, Immanuel,” a ase ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” 24 Bere a Yosef nyanee no, ɔyɛɛ sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa ne yere Maria baa ne nkyɛn. 25 Yosef ne Maria anhyia da kosii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu”.

Anyansafo a wofi apuei no

Bere a ɔhene Herode di ade no, na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”

Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw n’adwene yiye. Saa ara nso na ɛhaw Yerusalemfo nyinaa adwene. Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Adiyifo no kyerɛɛ faako a wɔbɛwo Kristo no anaa?” Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea adiyifo no kae:

“‘O, kurow Betlehem, wo a wonyɛ ketewaa Yudaman mu, wo mu na meyi nea obedi me man Israel anim afi.’“

Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoam bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”

Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ. 10 Bere a wohuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso.

11 Woduu ofi a abofra no ne ne na Maria wɔ no, wɔkotow, som no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ.

12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

Wɔbɔ wɔn ho aguaa kɔ Misraim

13 Anyansafo no kɔe akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, “Sɔre fa abofra no ne ne na, na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkosi sɛ mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ, ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no.” 14 Anadwo no ara, Yosef faa abofra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, 15 na wɔtenaa hɔ kosii sɛ ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea odiyifo no kae se, “Mafrɛ me ba afi Misraim” no baa mu.

Betlehem mmofra no kum

16 Herode hui sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuwii mmoroso. ɔsomaa n’asraafo sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum mmarimaa a wonnii mfe abien kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae se wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no. 17 Herode atirimmɔdensɛm yi maa nea odiyifo Yeremia kae se, 18 “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwo; Rahel resu ne mma; ɔmpɛ awerɛkyekye bi, efisɛ, wɔnte ase bio” no baa mu.

Wɔsan ba Nasaret

19 Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no se, 20 “Sɔre na fa abofra no ne ne na kɔ Israel asase so, efisɛ, wɔn a wɔpɛe sɛ wokum abofra no no awuwu.”

21 Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio. 22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio se ɔnnkɔ Yudea na mmom, ɔnkɔ Galilea. 23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea odiyifo no kae se, “Wɔbɔfrɛ no Nasaretni no baa mu.

Yohane Osuboni asɛnka

Bere a Yesu ne n’awofo wɔ Nasaret no, Yohane Osuboni bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so se, “Monsakra mo su; momfa mo ho mma Onyankopɔn, na ɔsoro ahenni no abɛn.” Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se, “Obi nne reteɛm se, ‘Mommɔ kwan mma Awurade; momma n’atempɔn nteɛ!’ “

Saa bere no, na Yohane fura yoma ho nhwi ntama, bɔ aboa nhoma abɔso. Na n’aduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ sare no so hɔ kotiee asɛm no bi. Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Yohane hui sɛ Farisifo ne Sadukifo pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,

“Awɔ mma! Hena na ɔka kyerɛɛ mo se munguan mfi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no ano? Ansa na wɔbɛbɔ mo asu no, ɛsɛ sɛ mosakra mo su na mubu ɔbra pa. Munsusuw sɛ moyɛ Abraham asefo nti, mubetumi aguan afi asotwe a ɛbɛba mo so no ho. Merema mo ate ase sɛ Onyankopɔn betumi ama abo a ɛwɔ ha yi adan Abraham asefo.

10 “Onyankopɔn de n’abonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntini ho sɛ ɔde betwa, na ɔde agu gya mu ahyew no.

11 “Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi m’akyi reba no de, ɔso sen me, a ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikita. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 12 Obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie, na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no pasaa.”

Yesu asubɔ

13 Yesu tee Yohane Osuboni nka no, ofi Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu. 14 Yohane hui sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu. Eyi nti, ɔkae se, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me.”

15 Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no se, “Etwa ara na etwa sɛ wobɔ me asu sɛnea ɛbɛyɛ a nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkae no nti, Yohane bɔɔ no asu.

16 Yohane asubɔ no akyi a ofi nsu no mu baa koko so pɛ, ɔsoro bue maa no. Ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian ba no so sɛ aborɔnoma. 17 Ɛhɔ ara, nne bi fi soro kae se, “Oyi ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”

Ɔbonsam sɔ Yesu hwɛ

Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Saa bere no, Yesu dii mmuada adaduanan, awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no. Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ n’asetena mu, na mmom nea ehia titiriw ne sɛ, obedi Onyankopɔn asɛm so.’ “

Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyinae hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw sɛ, ‘Onyankopɔn bɛsoma n’abɔfo abɛsɔw wo na woammɛhwe abotan so.’ “

Yesu buae bio se, “Wɔakyerɛw bio sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ “

Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi mpampam. Ɔde n’ani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne emu anuonyam nyinaa. Afei ɔka kyerɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”

10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Kotow som Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ “

11 Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi, abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.

Yesu fiti n’adwuma ase wɔ Galilea

12 Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. 13 Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, otwaam wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so. 14 Eyi maa nea odiyifo Elia kae se, 15 “Sebulon asase ne Naftali asase, ɔkwan a ɛkɔ po mu, Yordan agya, amanaman Galilea, 16 nnipa a wɔtenaa sum mu no, Hann kɛse bi apue ama wɔn. Wɔtenaa owu asase so maa Hann no pue maa wɔn wɔ hɔ” no baa mu.